NNA MU ƆBRASƐE A ATWAM HO DWUMA A WOBEDI
Wɔ video yi mu no, yɛdi abayewa kumaa bi akwantuo a ɔrepere adesoa a emu yɛ duru a ɛne nna mu ɔbrasɛeɛ a atwam a obi a ɔwɔ ne mu ahotosoɔ de baeɛ no akyi, na yɛsi hia a ɛhia sɛ ɔne obi di nkitaho pefee na ɔnya mmoa so dua. Sɛ wo anaa obi a wunim no redi ɛyaw a ɛte saa ara ho dwuma a, yɛsrɛ wo hu no sɛ, ɛnyɛ wo nkotoo.
Nnipa bi wɔ hɔ a wodwen wo ho kɛse na nneɛma bi wɔ hɔ a wɔde bɛboa wo. Wubetumi akɔ w’adamfo, ɔfotufoɔ a wowɔ ne mu ahotosoɔ nkyɛn, anaa sɛ wowɔ Ghana a, frɛ Yenkasa Contact Center hotline, wɔ 0800202010 anaa WhatsApp wɔ +233 245 118 228.
Momma yɛnbom nsɛe kommyɛ no na yɛmmoa yɛn ho yɛn ho.